1
Nnwom 40:1-2
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Twɛn na metwɛnee AWURADE, na ɔyɛɛ aso maa me, na ɔtee me sufrɛ. Na ɔyii me firii ɔsɛeɛ amena mu, firii atɛkyɛ mu, na ɔde me nan sii ɔbotan so, ɔmaa m’anammɔn tintimii.
Compare
Explore Nnwom 40:1-2
2
Nnwom 40:3
Na ɔde dwom foforɔ ahyɛ m’anomu, yɛn Nyankopɔn ayeyie. Nnipa bebree bɛhunu asuro, na wɔabata AWURADE ho.
Explore Nnwom 40:3
3
Nnwom 40:4
Nhyira ne onipa a ɔde n’ani ato AWURADE soɔ, na ɔnnane n’ani nkyerɛ ahantanfoɔ ne wɔn a wɔmane di atorɔ.
Explore Nnwom 40:4
4
Nnwom 40:8
Deɛ mepɛ ne sɛ mɛyɛ deɛ wo, me Nyankopɔn, wopɛ, na wo mmara wɔ m’akomam.
Explore Nnwom 40:8
5
Nnwom 40:11
Wo, AWURADE, worensi me wo mmɔborɔhunu so, w’adɔeɛ ne wo nokorɛ bɛbɔ me ho ban daa.
Explore Nnwom 40:11
Home
Bible
Plans
Videos