1
Nnwom 139:14
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Meda wo ase sɛ woyɛɛ me maa no yɛɛ hu ne nwanwa, wo nneyɛɛ yɛ nwanwa, na me kra nim saa yie.
Compare
Explore Nnwom 139:14
2
Nnwom 139:23-24
Onyankopɔn, hwehwɛ me mu, na hunu m’akoma, sɔ me hwɛ, na hunu m’adwene, na hwɛ sɛ amaneɛ kwan bi wɔ me hɔ, na gya me kɔ daa kwan so!
Explore Nnwom 139:23-24
3
Nnwom 139:13
Na wo na wobɔɔ me sawa, wonwonoo me, me na yam.
Explore Nnwom 139:13
4
Nnwom 139:16
Meyɛ mogya toa nko no, w’ani hunuu me, na wo nwoma mu, wɔatwerɛ ne nyinaa, nna a wɔahyɛ asie na emu baako pɛ nnya mmaeɛ no.
Explore Nnwom 139:16
5
Nnwom 139:1
AWURADE, wohwehwɛ me mu, na wohu me.
Explore Nnwom 139:1
6
Nnwom 139:7
Ɛhe na mɛfiri wo honhom no anim madwane makorɔ? Na ɛhe na mɛfiri w’anim madwane makorɔ?
Explore Nnwom 139:7
7
Nnwom 139:2
Wo na wonim m’asetena ne me sɔreɛ, wohunu m’adwene mu akyirikyiri.
Explore Nnwom 139:2
8
Nnwom 139:4
Na asɛm biara nni me tɛkyerɛma so gye deɛ wo, AWURADE, wonim ne nyinaa no.
Explore Nnwom 139:4
9
Nnwom 139:3
Wohwehwɛ me nanteɛ ne me nna mu, na wonim m’akwan nyinaa mu yie.
Explore Nnwom 139:3