Adeɛ nsia yi na AWURADE tane,
aane, na adeɛ nson na ɛyɛ ne kra akyiwadeɛ,
ani a ɛtra ntɔn, atorɔ tɛkyerɛma,
ne nsa a ɛhwie mogya a ɛdi bem guo;
akoma a ɛdwene mmusuo adwene,
nan a ɛyɛ herɛ tu mmirika kɔ bɔne mu;
ɔdansekurumfoɔ a ɔhu atorosɛm,
ne deɛ ɔhyɛ anuanom ntam takrawɔgyam.