1
Mmebusɛm 29:25
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Onipa ho suro sum fidie, na deɛ ɔde ne ho to AWURADE soɔ no ho deɛ ɔbɛyɛ sɔnn.
Compare
Explore Mmebusɛm 29:25
2
Mmebusɛm 29:18
Anisoadehunu nni hɔ a, ɔman yɛ bisibasaa, nanso deɛ ɔbu mmara no, nhyira ne no.
Explore Mmebusɛm 29:18
3
Mmebusɛm 29:11
Ɔkwasea yi ne honhom nyinaa adi, na onyansafoɔ dwodwo no ma no ka akyi.
Explore Mmebusɛm 29:11
4
Mmebusɛm 29:15
Abaa ne animka ma nyansa, na abɔfra a wɔato no sraha gu ne na anim ase.
Explore Mmebusɛm 29:15
5
Mmebusɛm 29:17
Tenetene wo ba na wama woahome, na wama wo kra anika.
Explore Mmebusɛm 29:17
6
Mmebusɛm 29:23
Onipa ahantan bɛbrɛ no ase, na honhom mu ahobrɛaseɛni nsa bɛka animuonyam.
Explore Mmebusɛm 29:23
7
Mmebusɛm 29:22
Obufufafoɔ hwanyan ntɔkwa, na ɔbobɔnefoɔ mmarato dɔɔso.
Explore Mmebusɛm 29:22
8
Mmebusɛm 29:20
Wohunu onipa a ɔpere ne nsɛm ho a, anidasoɔ wɔ hɔ ma ɔkwasea sene no.
Explore Mmebusɛm 29:20