1
Mmebusɛm 19:21
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Adwene pii wɔ onipa akoma mu, nanso AWURADE agyinatuo na ɛbɛgyina.
Compare
Explore Mmebusɛm 19:21
2
Mmebusɛm 19:17
Deɛ ɔhunu mmɔborɔni mmɔborɔ de fɛm AWURADE, na deɛ ɔde ama no, ɔbɛhyɛ no ananmu.
Explore Mmebusɛm 19:17
3
Mmebusɛm 19:11
Onipa nimdeɛ twentwɛn n’abufuo ase, na mfomsoɔ ho twa yɛ no animuonyam.
Explore Mmebusɛm 19:11
4
Mmebusɛm 19:20
Tie afotuo na gye atenetene, na woahunu nyansa w’akyirinna mu.
Explore Mmebusɛm 19:20
5
Mmebusɛm 19:23
AWURADE suro de obi kɔ nkwa mu, deɛ ɔkura mu no bɛmee ada, na bɔne biara renka no.
Explore Mmebusɛm 19:23
6
Mmebusɛm 19:8
Deɛ ɔnya nyansa no dɔ ne kra, deɛ ɔbu nhunumu no, ɔhunu papa.
Explore Mmebusɛm 19:8
7
Mmebusɛm 19:18
Anidasoɔ wɔ hɔ yi, tea wo ba, na mmɔ wo tirim sɛ wobɛku no.
Explore Mmebusɛm 19:18
8
Mmebusɛm 19:9
Ɔdansekurumfoɔ ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ, na deɛ ɔhu atorosɛm no bɛyera.
Explore Mmebusɛm 19:9