1
Mmebusɛm 13:20
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Ɛne anyansafoɔ mmɔ, na dane onyansani, na deɛ ɔne nkwaseafoɔ bɔ no hunu amane.
Compare
Explore Mmebusɛm 13:20
2
Mmebusɛm 13:3
Deɛ ɔkora n’ano hwɛ ne kra so, na deɛ ɔtrɛ n’anomu no nya ɔsɛeɛ.
Explore Mmebusɛm 13:3
3
Mmebusɛm 13:24
Deɛ ɔkora n’abaa tane ne ba, na deɛ ɔdɔ no no, tene no ntɛm so.
Explore Mmebusɛm 13:24
4
Mmebusɛm 13:12
Anidasoɔ a ɛkyɛre muba ma akoma yare, na anigyinadeɛ a ɛba mu yɛ nkwa dua.
Explore Mmebusɛm 13:12
5
Mmebusɛm 13:6
Tenenee kora deɛ ne kwan yɛ pɛ, na abɔnefosɛm butu ɔdebɔneyɛfoɔ.
Explore Mmebusɛm 13:6
6
Mmebusɛm 13:11
Ahonyadeɛ a ɛfiri ahuhudeɛ mu sua, na deɛ ɔde ne nsa ano boaboa ano no ma no dɔ.
Explore Mmebusɛm 13:11
7
Mmebusɛm 13:10
Ahantan de ntɔkwa nko na ɛba, na wɔn a wɔtie afotuo deɛ, nyansa ne wɔn te.
Explore Mmebusɛm 13:10
8
Mmebusɛm 13:22
Onipa pa gya n’adeɛ ma mma mma, na ɔdebɔneyɛni ahonyadeɛ deɛ, wɔtia ma ɔteneneeni.
Explore Mmebusɛm 13:22
9
Mmebusɛm 13:1
Ɔba nyansafoɔ tie agya atenetene, na ɔfɛdifoɔ deɛ ɔntie ntwianimu.
Explore Mmebusɛm 13:1
10
Mmebusɛm 13:18
Ohia ne aniwuo ka deɛ ɔpo atenetene, na deɛ ɔbu animka no nya animuonyam.
Explore Mmebusɛm 13:18
Home
Bible
Plans
Videos