Israelhene Salomo, Dawid ba no mmebusɛm nie:
Sɛ nnipa mfa nhunu nyansa ne nkyerɛkyerɛ,
sɛ wɔmfa nhunu nhunumu nsɛm mu;
sɛ wɔmfa nnye nimdeɛ nkyerɛkyerɛ,
tenenee, atemmuo ne adeɛ a ɛtene;
sɛ wɔmfa nkyerɛ ntetekwaa aniteɛ,
aberanteɛ nso nimdeɛ ne adwempa