1
Mika 4:5
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Na aman no mu biara nante ne nyame din mu, na yɛn deɛ, yɛbɛnante AWURADE yɛn Nyankopɔn din mu de akɔsi daa daa.
Compare
Explore Mika 4:5
2
Mika 4:2
Na amanaman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔ so, nkɔ Yakob Nyankopɔn fie, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnante n’atempɔn so; na Sion na mmara bɛfire, na AWURADE asɛm afiri Yerusalem.
Explore Mika 4:2
3
Mika 4:1
Na ɛbɛba sɛ nna a ɛdi akyire no mu no AWURADE fie bepɔ no bɛtim hɔ ataa mmepɔ atifi, na wɔama so asene nkokoɔ nyinaa, na aman asene yuu aba so.
Explore Mika 4:1
4
Mika 4:3
Na ɔbɛbu aman pii mu atɛn, na waka aman akɛseɛ a ɛwɔ akyirikyiri no anim, na wɔde wɔn afena abobɔ nsɔ, na wɔde wɔn mpea ayeyɛ nnerɛ; ɔman bi remma afena so ntia ɔman bi, na wɔrensua akodie bio.
Explore Mika 4:3