1
Lewitikɔs 26:12
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Na mɛnante mo mu, na mayɛ mo Nyankopɔn, na mo nso moayɛ me ɔman
Compare
Explore Lewitikɔs 26:12
2
Lewitikɔs 26:4
ɛnneɛ mɛma osuo atɔ ama mo ne berɛ mu, na asase no ama ne nnɔbaeɛ, na mfuo mu nnua aso aba
Explore Lewitikɔs 26:4
3
Lewitikɔs 26:3
Sɛ mofa m’ahyɛdeɛ so na mohwɛ me mmara nsɛm na moyɛ a
Explore Lewitikɔs 26:3
4
Lewitikɔs 26:6
Na mɛma ɔmannwoeɛ aba asase no so, na moada na obiara anyi mo hu; na mɛsɛe mmoa bɔne afiri asase no so, na nkrantɛ remfa mo asase so.
Explore Lewitikɔs 26:6
5
Lewitikɔs 26:9
Na mɛdane m’anim mama mo, na mɛma moawo na moadɔ, na mɛma me ne mo apam no agyina.
Explore Lewitikɔs 26:9
6
Lewitikɔs 26:13
Mene AWURADE mo Nyankopɔn a meyii mo firii Misraim asase so sɛ monnyɛ nkoa bio, na mebubuu mo kɔnnua na memaa monantee kyirebenn no.
Explore Lewitikɔs 26:13
7
Lewitikɔs 26:11
Na mede me tenabea bɛsi mo mu, na mo ho renyɛ me kra nwunu.
Explore Lewitikɔs 26:11
8
Lewitikɔs 26:1
Monnyɛ anyamehuhuo mmfa, na mommfa ahoni anaa ɔbosom dum bi nnsi hɔ mmfa, na mommfa ɔboɔ a wɔadi ho adwini nnsi mo asase so nnkoto nnsɔre wɔ ho, ɛfiri sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn.
Explore Lewitikɔs 26:1
9
Lewitikɔs 26:10
Na mobɛdi akoradeɛ dada a akyɛre, na mobɛyi adada no agu, afoforɔ no nti.
Explore Lewitikɔs 26:10
10
Lewitikɔs 26:8
na mo mu baanum bɛka nnipa ɔha agu, na mo mu ɔha bɛka mpemdu agu, na mo atamfoɔ atotɔ mo anim wɔ nkrantɛ ano.
Explore Lewitikɔs 26:8
11
Lewitikɔs 26:5
na aduane poreɛ bɛkɔ so akɔduru bobe aba teteɛ mu, na bobe aba teteɛ no akɔ so akɔduru duaberɛ, na mobɛdi mo aduane amee, na moatena mo asase so dwoodwoo.
Explore Lewitikɔs 26:5
12
Lewitikɔs 26:7
Na mobɛka mo atamfoɔ agu, na wɔatotɔ mo anim wɔ nkrantɛ ano
Explore Lewitikɔs 26:7
13
Lewitikɔs 26:2
Monni me home nna, na monsuro me kronkronbea: Mene AWURADE.
Explore Lewitikɔs 26:2