AWURADE asɛm a ɛbaa Odiyifoɔ Yeremia nkyɛn Filistifoɔ ho, ansa na Farao reba abɛkunkum Gasa nie:
Sɛ AWURADE seɛ nie:
Hwɛ, nsuo rema ne ho so afiri atifi fam
na ayɛ asuo a ɛreyiri
asram asase ne ne mayɛ,
kuro no ne wɔn a wɔte mu no soɔ.
Na nnipa bɛteateam,
na asase no sofoɔ abɔ abubuo