O Israel, sɛ wosane w’akyiri a,
AWURADE asɛm nie,
me nkyɛn na sane bra.
Na sɛ woyi w’akyiwadeɛ firi m’anim a,
worenhinhim,
na sɛ woka ntam sɛ: AWURADE teasefoɔ
nokorɛ mu, atemmuo ne tenenee mu a,
amanaman ahyirahyira wɔn ho wɔ ne mu,
na ɔno mu wɔahyehyɛ wɔn ho.