Me wura ɔhene, deɛ mmarima yi de ayɛ Odiyifoɔ Yeremia no nyinaa, wɔayɛ no bɔne, sɛ wɔato no atwene amena mu sɛ ɛkɔm nkum no deɛ ɔwɔ hɔ, ɛfiri sɛ aduane biara nni kuro mu bio. Ɛnna ɔhene hyɛɛ Etiopiani Ebed-melek sɛ: Fa mmarima aduasa firi ha ka wo ho, na kɔyi Odiyifoɔ Yeremia abura no mu ansa na wawu.