1
Yeremia 22:3
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Sɛ AWURADE seɛ nie: Mommu atɛntenenee nyɛ ade tenenee, na monyi deɛ wɔafom no afa mfiri omimfoɔ nsam, na ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ, monnhom wɔn so, mommmɔ wɔn atirimuɔden, na mogya a ɛdi bem nso, monnhwie nngu wɔ ha yi.
Compare
Explore Yeremia 22:3
2
Yeremia 22:15-16
W’ani abere tweneduro ho yi nti, ɛyɛ wo sɛ woyɛ ɔhene? W’agya annidi annom wammu atɛntenenee anyɛ ade tenenee? Ɛno nti nso na ɛsii no yie. Ɔdii mmɔborɔni ne ohiani asɛm maa no, enti nso na ɛsii no yie. Ɛnyɛ yei ne me ho nimdeɛ? AWURADE asɛm nie.
Explore Yeremia 22:15-16
3
Yeremia 22:13
Deɛ ɔfa ɔkwan a ɛntene so kyekyere ne fie, na ɔde asisie si n’abansoro, na ɔma ne yɔnko yɛ adwuma kwa, na ɔmfa n’akatua mma no no nnue!
Explore Yeremia 22:13