1
Yeremia 13:23
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Etiopiani bɛtumi asakyera ne wedeɛ, anaasɛ ɔsebɔ bɛsakyera ne ho nworonnworan? Ɛnneɛ mo nso mobɛtumi ayɛ papa, mo a bɔneyɛ akokwa mo.
Compare
Explore Yeremia 13:23
2
Yeremia 13:16
Monhyɛ AWURADE mo Nyankopɔn animuonyam ansa na wama sum aduru, ansa na mo nan asunti mmepɔ kusuu no, na morehwɛ hann kwan a, wadane no sunsum, na wama sum kabii aduru.
Explore Yeremia 13:16
3
Yeremia 13:10
Ɔmammɔne yi a wɔmpɛ sɛ wɔtie me nsɛm, na wɔnam wɔn akoma denyɛ mu, na wɔdi anyame foforɔ akyiri som wɔn sɔre wɔn no, wɔbɛyɛ sɛ saa abɔsoɔ a ɛnyɛ mma hwee yi.
Explore Yeremia 13:10
4
Yeremia 13:15
Montie, na monyɛ aso; monnyɛ ahantan, na AWURADE na akasa.
Explore Yeremia 13:15