1
Yesaia 65:24
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Na wɔnnya mfrɛeɛ no, mɛgye so; wɔda so rekasa no, mɛtie.
Compare
Explore Yesaia 65:24
2
Yesaia 65:17
Na hwɛ, merebɔ ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ, na wɔrenkae kane nnoɔma no na ɛremma adwene mu bio
Explore Yesaia 65:17
3
Yesaia 65:23
Wɔrenyɛ adwumayɛhunu, na wɔrenwo mma mma mpatuwuo, ɛfiri sɛ wɔyɛ wɔn a AWURADE ahyira wɔn no asefoɔ, wɔne wɔn mma.
Explore Yesaia 65:23
4
Yesaia 65:22
Wɔrensisi adan mma obi ntena mu, na wɔrennua mma obi nni, na me man nna bɛware ayɛ sɛ dua nna, na wɔn a mayi wɔn yi bɛdi wɔn nsa ano adwuma akyɛre.
Explore Yesaia 65:22
5
Yesaia 65:20
Wɔrenhunu emu abotafowa a ne nna nware bio, anaa akɔkoraa a wanwie ne nna die; na abɔfra bɛdi mfirinhyia ɔha ansa na wawu, na ɔdebɔneyɛni a wadi mfeɛ ɔha no yɛ deɛ wadome no.
Explore Yesaia 65:20
6
Yesaia 65:25
Pataku ne odwammaa bɛdidi faako, na gyata awe wira sɛ nantwie; na ɔwɔ deɛ, dɔteɛ na ɛbɛyɛ n’aduane; wɔrempira, na wɔrensɛe adeɛ bio, wɔ me bepɔ kronkron no nyinaa so, AWURADE na ɔseɛ.
Explore Yesaia 65:25
7
Yesaia 65:19
Na mɛdi Yerusalem ho ahurisie, na me ho asɛpɛ me me man ho, na wɔrente esu ne nteateam wɔ mu bio.
Explore Yesaia 65:19