1
Yesaia 54:17
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Akodeɛ biara a wɔbɔ tia woɔ renyɛ yie, na tɛkyerɛma biara a ɛbɛsɔre atia wo atemmuo mu no, wobɛbu no fɔ; ɛno ne AWURADE nkoa agyapadeɛ ne wɔn tenenee a ɛfiri me no, AWURADE asɛm nie.
Compare
Explore Yesaia 54:17
2
Yesaia 54:10
Na mmepɔ bɛtwe akɔ na nkokoɔ atutu, na m’adɔeɛ deɛ, ɛrentwe mfiri wo so, na m’asomdwoeɛ apam no rentutu, AWURADE a ne yam hyehye no ma woɔ no na ɔseɛ.
Explore Yesaia 54:10
3
Yesaia 54:4
Nsuro, na w’ani renwu, nsi wo tiri ase, na w’anim renkusa, na wo werɛ bɛfiri wo mmabaaberɛ mu aniwuo, na wo kunayɛ ahohora no, worenkae bio.
Explore Yesaia 54:4
4
Yesaia 54:5
Na wo Yɛfoɔ ne wo kunu, asafo AWURADE ne ne din, na wo Gyefoɔ, Israel Kronkronni no, wɔfrɛ no asase nyinaa Nyankopɔn.
Explore Yesaia 54:5
5
Yesaia 54:2
Ma wo ntomadan mu ntrɛ, na wɔntwe wo tenabea ho nkataho no mu, nnodo ho. Ma wo ntampehoma nware, na ma wo mpɛɛwa ntintim.
Explore Yesaia 54:2
6
Yesaia 54:13
Na wo mma nyinaa bɛyɛ AWURADE asuafoɔ, na wo mma asomdwoeɛ bɛdɔɔso.
Explore Yesaia 54:13
7
Yesaia 54:8
Abufuo mmorosoɔ mu na mede m’ani mehuntaa wo kakraa bi, nanso mede daa adɔeɛ bɛhu wo mmɔbɔ, wo Gyefoɔ AWURADE na ɔseɛ.
Explore Yesaia 54:8
8
Yesaia 54:7
Megyaa wo ɛberɛ tiawa bi, nanso ayamhyehyeɛ kɛseɛ na mede bɛboa w’ano.
Explore Yesaia 54:7
9
Yesaia 54:9
Na yei yɛ me sɛ Noa nna no: Sɛdeɛ mekaa ntam sɛ Noa nsuo no mmfa asase so bio no, saa ara nso na maka ntam sɛ me bo remfu wo na merenteatea wo bio.
Explore Yesaia 54:9
10
Yesaia 54:12
na mede bogya aboɔ mayeyɛ w’abantifi, na mede nsramma aboɔ mayɛ w’aponkɛseɛ, ne w’afasuo nyinaa aboɔ afɛfɛ.
Explore Yesaia 54:12