1
Yesaia 51:12
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Me ara mene mo werɛkyekyefoɔ; hwan ne wo na wosuro ɔdasani a ɔwuo ne onipa ba a wɔyɛɛ no sɛ wira?
Compare
Explore Yesaia 51:12
2
Yesaia 51:16
Na mede me nsɛm mahyɛ w’anomu, na mede me nsa ase nwunu makata wo so, na matrɛ ɔsoro mu na mato asase fapem, na maka makyerɛ Sion sɛ: Me man ne wo.
Explore Yesaia 51:16
3
Yesaia 51:7
Montie me, mo a monim tenenee, ɔman a me mmara wɔ wɔn akoma mu, monnsuro ɔdasani ahohorabɔ, na mommma wɔn ahiyie nnyɛ mo ahopopoɔ
Explore Yesaia 51:7
4
Yesaia 51:3
Na AWURADE rekyekyere Sion werɛ, ɔkyekyere n’amamfo nyinaa werɛ, na wadane ne serɛ so sɛ Eden, ne n’anwea pradada sɛ AWURADE turom, wɔbɛhunu mu ahosɛpɛ ne anigyeɛ, aseda ne dwontoɔ.
Explore Yesaia 51:3
5
Yesaia 51:11
Na wɔn a AWURADE agye wɔn no bɛsane, na wɔde ahurisie aba Sion, na daa anigyeɛ bɛtena wɔn atifi; ahosɛpɛ ne anigyeɛ bɛka wɔn nsa, na awerɛhoɔ ne apinisie adwane.
Explore Yesaia 51:11