1
Yesaia 49:15
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Ɔbaa werɛ bɛfiri ne ba akɔkoaa, na ne yam renhyehye no ne yafumma ho anaa? Sɛ yeinom werɛ bɛfiri mpo a, me deɛ, me werɛ remfiri wo.
Compare
Explore Yesaia 49:15
2
Yesaia 49:16
Hwɛ, mede wo makurukyire me nsayam; w’afasuo sisi m’anim daa.
Explore Yesaia 49:16
3
Yesaia 49:25
Na sɛ AWURADE seɛ nie: Dɔmmarima nnommum mpo, wɔbɛgye, deɛ ne ho yɛ hu nso adeɛ a wafa bɛfiri mu afi, na me ara mene deɛ ɔne wo ham no bɛham, na me ara mɛgye wo mma nkwa.
Explore Yesaia 49:25
4
Yesaia 49:6
ɔse: Ɛyɛ hare sɛ wobɛyɛ m’akoa na woama Yakob mmusuakuo soɔ, na wode Israel mu wɔn a wɔakora wɔn no asane aba; na mede wo bɛyɛ amanaman hann, na woayɛ me nkwagyeɛ akɔduru asase ano.
Explore Yesaia 49:6
5
Yesaia 49:13
Ɔsoro, monto dwom, na asase, di ahurisie! mmepɔ nso, momfrɛ nserehehe dwom! Na AWURADE akyekyere ne man werɛ, na wahunu ne mmɔborɔfoɔ mmɔbɔ!
Explore Yesaia 49:13