Deɛ ɔnam tenenee mu, na ɔka deɛ ɛtene,
deɛ ɔkyiri apempensika,
deɛ ɔtwe ne nsa na ansɔ anadwodeɛ mu,
deɛ ɔsisi n’aso na ante mogya ho asɛm,
na ɔmua n’ani na anhunu bɔne,
ɔno na ɔbɛtena sorɔnsorɔmmea,
abotan aban bɛyɛ no dwanekɔbea,
wɔde n’aduane bɛma no, ne nsuo remmɔ no da.