1
Yesaia 30:21
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Na w’aso nso bɛte w’akyiri asɛm bi sɛ: Yei ne kwan, sɛ mofa nifa oo, mofa benkum oo, monnante so.
Compare
Explore Yesaia 30:21
2
Yesaia 30:18
Na enti AWURADE twɛn ansa na wadom mo, na ɛno nti na ɔma ne ho soɔ, ansa na wahu mo mmɔbɔ, na atemmuo Nyankopɔn ne AWURADE, nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa.
Explore Yesaia 30:18
3
Yesaia 30:15
Na sɛdeɛ AWURADE Nyankopɔn, Israel Kronkronni no seɛ nie: Ɔsaneba ne ɔhome mu na wɔbɛgye mo nkwa, kommyɛ ne anidasoɔ mu na mo mmaninyɛ bɛtena, nanso moampene
Explore Yesaia 30:15
4
Yesaia 30:20
Na AWURADE bɛma mo ahohia mu aduane ne ahodwan mu nsuo deɛ, nanso wo Kyerɛkyerɛfoɔ remfa ne ho nsie bio, na mmom w’ani bɛhunu wo Kyerɛkyerɛfoɔ no.
Explore Yesaia 30:20
5
Yesaia 30:19
Na ɔman no bɛtena Sion wɔ Yerusalem; na worensu bio; dom na ɔbɛdom woɔ atie wo nteam no; ɔte ara pɛ a, ɔbɛgye wo so.
Explore Yesaia 30:19
6
Yesaia 30:1
Wɔnnue, mma atuatefoɔ, AWURADE na ɔseɛ, wɔn a wɔdi agyinatusɛm soɔ, na ɛmfiri me, na wɔyɛ nkabom bi, na ɛnyɛ me honhom soɔ, sɛ wɔde bɔne bɛka bɔne ho no.
Explore Yesaia 30:1