1
Yesaia 11:2-3
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Na AWURADE honhom bɛsi ne so, nyansa ne nhunumu honhom, afotuo ne mmaninyɛ honhom, nimdeɛ ne AWURADE suro honhom. Na AWURADE suro bɛyɛ no hwam. Na ɛnyɛ deɛ n’ani hunu so na ɔbɛbu atɛn, na ɛnyɛ deɛ n’aso teɛ so na ɔbɛdi asɛm
Compare
Explore Yesaia 11:2-3
2
Yesaia 11:1
Na duforɔ bi bɛfifiri afiri Yisai dunsini no mu, na duban afiri ne nhini mu aso aba.
Explore Yesaia 11:1
3
Yesaia 11:4
na tenenee na ɔde bɛbu atɛn ama mmɔborɔni, na ɔde asɛntenenee adi ama asase so amanehunufoɔ; na ɔde n’anomu abaa bɛbɔ asase, na ɔde n’anomu honhom akum ɔbɔnefoɔ
Explore Yesaia 11:4
4
Yesaia 11:5
na tenenee bɛyɛ n’asene mu abɔsoɔ, na nokorɛdie ayɛ n’akwaa mu aboomu.
Explore Yesaia 11:5
5
Yesaia 11:9
Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe adeɛ bio, me bepɔ kronkron no nyinaa so, na AWURADE ho nimdeɛ bɛyɛ asase ma, sɛ nsuo kata po soɔ no.
Explore Yesaia 11:9
6
Yesaia 11:6
Ɛnna ɛserɛ so kraman ne odwanten ba bɛtena, na ɔsebɔ ne apapowa ada, na nantwie ba ne gyata ba ne nantwie a wadorɔ bɛtena faako, na abɔfra ketewa aka wɔn.
Explore Yesaia 11:6
7
Yesaia 11:10
Na da no, Yisai nhini mu duforɔ a ɛsi hɔ sɛ frankaa ma aman no, n’akyiri kwan na amanaman bɛhwehwɛ, na ne homebea bɛyɛ animuonyam.
Explore Yesaia 11:10