1
Hesekiel 4:4-5
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Na wo deɛ, da wo mfe benkum so, na mede Israel fie amumuyɛ bɛto wo so; ɛnna dodoɔ a woda soɔ no, na wobɛsoa wɔn amumuyɛ. Na me deɛ, mede wɔn amumuyɛ mfeɛ no mayɛ nna dodoɔ mama wo, nna ahasa aduɔkron na wobɛsoa Israel fie amumuyɛ no.
Compare
Explore Hesekiel 4:4-5
2
Hesekiel 4:6
Na wowie yeinom a, sane da wo mfe nifa so soa Yuda fie amumuyɛ adaduanan; mede afe baako biara mayɛ wo da koro.
Explore Hesekiel 4:6
3
Hesekiel 4:9
Na wo deɛ, fa ayuo ne atokoɔ ne asɛ ne asedua ne kɔkɔte ne aburoo hyɛ adeɛ baako mu fa, na fa yɛ w’aduane di nna dodoɔ a wode bɛda wo mfe soɔ no, ɛne nna ahasa aduɔkron
Explore Hesekiel 4:9