1
Hesekiel 33:11
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, ɔbɔnefoɔ wuo nyɛ me fɛ, na mmom sɛ ɔbɔnefoɔ bɛsane afiri ne kwan soɔ na wanya nkwa! Monsane, monsane mfiri mo akwammɔne so! Adɛn nti na morewuwuo yi, Israel fie?
Compare
Explore Hesekiel 33:11
2
Hesekiel 33:7
Na wo, onipa ba, mede wo asi ɔwɛmfoɔ ama Israel fie, na tie m’anomu asɛm, na fa bɔ wɔn kɔkɔ.
Explore Hesekiel 33:7
3
Hesekiel 33:9
Na wo, sɛ wobɔ ɔbɔnefoɔ no kɔkɔ ne kwan ho, sɛ ɔnsane mfiri so, na wansane amfiri ne kwan no so a, ɔno deɛ, ɔbɛwu n’amumuyɛ mu, na wo nso woagye wo kra nkwa.
Explore Hesekiel 33:9
4
Hesekiel 33:6
Na sɛ ɔwɛmfoɔ no hunu nkrantɛ sɛ ɛreba, na wanhyɛne abɛn no ammɔ ɔmanfoɔ kɔkɔ na nkrantɛ no ba bɛkum wɔn mu bi a, ɔno deɛ, n’amumuyɛ mu na wɔafa no korɔ, na ne mogya deɛ, mɛbisa no ɔwɛmfoɔ no nsam.
Explore Hesekiel 33:6
5
Hesekiel 33:5
Ɔtee totorobɛntohyɛn no, na wantie kɔkɔbɔ no; ne mogya ngu ne so! Na sɛ ɔtiee kɔkɔbɔ no a, anka ɔgyee ne kra nkwa.
Explore Hesekiel 33:5