1
Ɔsɛnkafoɔ 4:9-10
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Baanu yɛ sene baako, ɛfiri sɛ wɔn brɛ mu akatua pa wɔ hɔ ma wɔn; na sɛ wɔhwe ase a, ɔbaako bɛma ne yɔnko so, na ɔbaakofoɔ a ɔhwe aseɛ a obi nka ne ho mma no soɔ nnue.
Compare
Explore Ɔsɛnkafoɔ 4:9-10
2
Ɔsɛnkafoɔ 4:12
Na sɛ obi toa ɔbaakofoɔ a, ɔrentumi nnyina, nanso baanu ne no bɛdi asie; na ahoma a wɔaka abɔ ho mmiɛnsa no rente ntɛm.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 4:12
3
Ɔsɛnkafoɔ 4:11
Bio, sɛ baanu da a, wɔn ho yɛ wɔn hye, na ɔbaakofoɔ deɛ, ne ho bɛyɛ no hye sɛn?
Explore Ɔsɛnkafoɔ 4:11
4
Ɔsɛnkafoɔ 4:6
Kommyɛ kakra yɛ sene ɔbrɛ ne dadwene hunu bebree.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 4:6
5
Ɔsɛnkafoɔ 4:4
Na mehunuu ɔbrɛ nyinaa ne adwumayɛ mu yiedie nyinaa nso, sɛ ɛno ho na obi ne ne yɔnko twe ninkunu: Yei nso yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 4:4
6
Ɔsɛnkafoɔ 4:13
Fanyinam aberantewaa hiani nyansafoɔ sene ɔhene akɔkoraa kwasea a ɔntie afotuo bio.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 4:13