1
Ɔsɛnkafoɔ 2:26
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Na onipa a ɔyɛ wɔ Nyankopɔn anim no, ɔma no nyansa ne nimdeɛ ne anigyeɛ, na ɔdebɔneyɛni deɛ, ɔma no ha ne ho tase adeɛ boa ano de ma deɛ ɔyɛ wɔ Nyankopɔn anim: Yei nso yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.
Compare
Explore Ɔsɛnkafoɔ 2:26
2
Ɔsɛnkafoɔ 2:24-25
Biribi pa biara nna hɔ mma onipa sene sɛ ɔbɛdidi na wanom na wama ne kra ahunu adepa ne brɛ no mu; yei nso mahunu sɛ Nyankopɔn nsam na ɛfire; ɛnyɛ ɔno a, hwan na anka ɔbɛtumi adidie anaa hwan na anka ɔbɛtumi anya anigyeɛ?
Explore Ɔsɛnkafoɔ 2:24-25
3
Ɔsɛnkafoɔ 2:11
Ɛnna medanee m’ani mehwɛɛ me nnwuma a me nsa yɛeɛ no nyinaa ne me brɛ a mebrɛ meyɛeɛ no, na hwɛ, ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu, na mfasoɔ biara nni mu owia yi ase.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 2:11
4
Ɔsɛnkafoɔ 2:10
na biribiara a m’ani hwehwɛeɛ no, mankame no; mansi m’akoma anigyeɛ biara ho kwan, na m’akoma ani gyee me brɛ no nyinaa mu na yei yɛɛ me brɛ no nyinaa mu kyɛfa.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 2:10
5
Ɔsɛnkafoɔ 2:13
Na mehunuu sɛ mfasoɔ wɔ nyansa mu sene nkwaseasɛm mu, sɛdeɛ hann mfasoɔ sene esum deɛ no.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 2:13
6
Ɔsɛnkafoɔ 2:14
Onipa nyansafoɔ nim faako a ɔrekorɔ, na ɔkwasea deɛ, esum mu na ɔnanteɛ. Nanso mehunuu nso sɛ asiane korɔ no ara na ɛsiane wɔn nyinaa.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 2:14
7
Ɔsɛnkafoɔ 2:21
Ɛfiri sɛ ɛtɔ da a, ɛsɛ sɛ obi a ɔde ne nyansa, n’adwene ne ne nimdeɛ abrɛ ayɛ adwuma no, ɔgya ne nyinaa hɔ ma deɛ wammrɛ bɛfa: Yei nso yɛ ahuhudeɛ ne adebɔne kɛseɛ.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 2:21