Mehyɛ mmara sɛ m’ahemman a medi so tumi nyinaa mu wɔmfɛre na wɔnsuro Daniel Nyankopɔn anim,
na ɔno ne Onyankopɔn a ɔte aseɛ
na ɔgyina hɔ daa,
na n’ahennie yɛ deɛ ɛnsɛe da,
na ne tumi bɛtena hɔ akɔsi aseɛ.
Ɔne deɛ ɔyie na ɔgyeɛ,
na ɔyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ɔsoro ne asase soɔ,
ɔno na ɔyii Daniel
firii agyata nsam.