Daniel kaa sɛ:
Nhyira nka Nyankopɔn din daa daa,
sɛ nyansa ne tumi, ɔno na ɛwɔ no;
ɔno na ɔsakyera berɛ ne nna;
ɔtu ahene, na ɔsi ahene,
ɔma anyansafoɔ nyansa,
na ɔde nimdeɛ ma wɔn a wɔwɔ nhunumu;
ɔyi deɛ emu dɔ ne deɛ ahunta adi,
ɔnim deɛ ɛwɔ esum mu,
na hann ne no na ɛteɛ.