1
Amos 7:14-15
New Revised Asante Twi Bible
ASW
Ɛnna Amos bua see Amasia sɛ: Ɛnyɛ odiyifoɔ ne me na ɛnyɛ odiyifoɔ ba ne me; na meyɛ mmoahwɛfoɔ ne ɔdɔma so hwɛfoɔ. Na AWURADE faa me firii nnwan akyiridie, na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ na kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me man Israel.
Compare
Explore Amos 7:14-15
2
Amos 7:8
Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Amos, ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Kyirebennyɛ homa. Na AWURADE kaa sɛ: Hwɛ, mede kyirebennyɛ homa bɛsi me man Israel mfimfini, merenkɔ so mensiane wɔn mu bio.
Explore Amos 7:8