Enti sɛ Onyankopɔn maa wɔn akyɛdeɛ korɔ no ara sɛ yɛn nso a yɛgyee Awurade Yesu Kristo diiɛ no a, mene hwan a mɛtumi masi Onyankopɔn kwan? Na wɔtee nsɛm yi no, wɔmuaa wɔn ano, na wɔyii Onyankopɔn ayɛ sɛ: Ɛnneɛ na Onyankopɔn ama amanaman mufoɔ no nso adwensakyera a ɛde kɔ nkwa mu.