1
Mateo 15:18-19
Akuapem Twi Nkwa Asɛm
Asɛm a ho ntew biara fi koma a mu ntew mu ma egu nea ɔkaa saa asɛm no ho fi. Koma mu na adwemmɔne, awudi, ayefasɛm, aguamammɔ, korɔn, atoro ne ntwatoso fi.
Compare
Explore Mateo 15:18-19
2
Mateo 15:11
Ɛnyɛ ade a ɛbɛkɔ onipa mu no na ɛmma ne ho ntew, na mmom, nea ebefi ne mu aba no na egu ne ho fi.”
Explore Mateo 15:11
3
Mateo 15:8-9
“ ‘Saa nnipa yi ka sɛ wodi me ni, nanso wɔn koma mmɛn me. Wɔsom me ani so kɛkɛ, efisɛ wɔkyerɛkyerɛ mmara a onipa ayɛ na ɛnyɛ nea efi Onyankopɔn.’ ”
Explore Mateo 15:8-9
4
Mateo 15:28
Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Ɔbea, wo gyidi mu yɛ den. Mɛyɛ wʼabisade ama wo.” Ɛhɔ ara, ne babea no ho tɔɔ no.
Explore Mateo 15:28
5
Mateo 15:25-27
Ɔba bɛkotow no kɔɔ so srɛɛ no se, “Me wura, boa me!” Yesu ka kyerɛɛ no se, “Enye sɛ wobegye aduan afi mmofra nsam atow ama akraman.” Ɔbea no nso buae se, “Ɛwɔ mu saa de, nanso akraman no nso tumi di mporoporowa a efi wɔn wura no pon so gu fam no.”
Explore Mateo 15:25-27
YouVersion uses cookies to personalize your experience. By using our website, you accept our use of cookies as described in our Privacy Policy
Home
Bible
Plans
Videos