1
2 Mose 6:6
Akuapem Twi Nkwa Asɛm
AKNA
“Enti ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Me, AWURADE, menam me tumi so bɛyɛ anwonwade de ayi wɔn afi nkoasom mu ama wɔade wɔn ho.
Compare
Explore 2 Mose 6:6
2
2 Mose 6:7
Megye wɔn ato mu sɛ me nkurɔfo na mayɛ wɔn Nyankopɔn. Na wobehu sɛ mene AWURADE, wɔn Nyankopɔn a wagye wɔn afi Misraimfo nsam no.
Explore 2 Mose 6:7
3
2 Mose 6:8-9
Mede wɔn bɛba asase a mehyɛɛ bɔ sɛ mede bɛma Abraham, Isak ne Yakob no so. Saa asase no bɛyɛ mo agyapade. Mene AWURADE no.’ ” Enti Mose kaa asɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ nnipa no, nanso wɔantie, esiane abawpa a efi ɔhyɛ ntraso nti.
Explore 2 Mose 6:8-9
4
2 Mose 6:1
AWURADE ka kyerɛɛ Mose se, “Wubehu nea mede bɛyɛ Farao. Menam me tumi so bɛhyɛ no na wama me nkurɔfo no akɔ; me basa kokuroo no bɛma wapam wɔn afi ɔman no mu.”
Explore 2 Mose 6:1
Home
Bible
Plans
Videos