1
2 Ahemfo 2:9
Akuapem Twi Nkwa Asɛm
Wotwa wiei no, Elia bisaa Elisa se, “Dɛn na menyɛ mma wo ansa na wɔahwim me akɔ?” Na Elisa buae se, “Mesrɛ wo, ma minnya wo honhom tumi no mmɔho.”
Compare
Explore 2 Ahemfo 2:9
2
2 Ahemfo 2:11
Wɔnam na wɔredi nkɔmmɔ no, prɛko pɛ, ogya teaseɛnam bae a ogya apɔnkɔ retwe. Ɛfaa wɔn ntam ma wɔn ntam tetewee, na ahum bi faa Elia de no kɔɔ ɔsoro.
Explore 2 Ahemfo 2:11
3
2 Ahemfo 2:10
Elia kae se, “Woabisa ade a ne yɛ yɛ den. Na sɛ wuhu sɛ wɔrefa me afi wo nkyɛn a, wo nsa bɛka wʼabisade no. Na sɛ amma saa de a, wo nsa renka.”
Explore 2 Ahemfo 2:10
4
2 Ahemfo 2:14
Ɔde atade nguguso no bɔɔ asu no ani teɛɛ mu se, “AWURADE, Elia Nyankopɔn wɔ he?” Ɛhɔ ara asu no mu paee abien maa Elisa faa mu.
Explore 2 Ahemfo 2:14
5
2 Ahemfo 2:12
Elisa huruw, teɛɛ mu se, “Mʼagya! Mʼagya! Israel nteaseɛnam ne nteaseɛnamkafo!” Na Elisa anhu no bio, Elisa suanee nʼatade mu abien.
Explore 2 Ahemfo 2:12
6
2 Ahemfo 2:8
Na Elia bobɔw nʼatade, de bɔɔ nsu no ani. Nsu no mu kyɛɛ abien, ma wɔfaa asase kesee so twae.
Explore 2 Ahemfo 2:8
7
2 Ahemfo 2:1
Bere a AWURADE pɛɛ sɛ ɔnam ahum so fa Elia kɔ soro no, na Elia ne Elisa nam Gilgal kwan so.
Explore 2 Ahemfo 2:1
YouVersion uses cookies to personalize your experience. By using our website, you accept our use of cookies as described in our Privacy Policy
Home
Bible
Plans
Videos