1
Nnwom 51:10
Twerɛ Kronkron
ASWDC
Onyankopɔn, bɔ akoma a emu teɛ ma me, na yɛ honhom foforɔ a aseɛ tim wɔ me mu.
Compare
Explore Nnwom 51:10
2
Nnwom 51:12
Ma mennya wo nkwagyeɛ ho abotɔyam bio, na ayamyie honhom nsɔ me mu.
Explore Nnwom 51:12
3
Nnwom 51:11
Nto me mfiri w’anim ntwene, na nyi wo kronkronyɛ honhom mfiri me so.
Explore Nnwom 51:11
4
Nnwom 51:17
Nyankopɔn afɔdeɛ ne honhom a abubuo; Onyankopɔn, akoma a abubuo, na apɛkyɛ na worempoɔ.
Explore Nnwom 51:17
5
Nnwom 51:1-2
Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, sɛ w’adɔeɛ teɛ no, wo mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso nti pepa me mmarato. Hohoro me ho firi m’amumuyɛ mu koraa, na prapra me ho firi me bɔne mu.
Explore Nnwom 51:1-2
6
Nnwom 51:7
Fa adwera yi me ho bɔne, na me ho afi; dware me, na mayɛ fitaa asene nsukyerɛmma.
Explore Nnwom 51:7
7
Nnwom 51:4
Wo nko ara na mafom woɔ, na mayɛ deɛ ɛyɛ w’ani so bɔne, na woadi bem wo kasa mu, na wo ho ate, w’atemmuo mu.
Explore Nnwom 51:4