1
Mateo 7:7
Twerɛ Kronkron
ASWDC
Mommisa, na wɔbɛma mo, monhwehwɛ, na mobɛhunu, mommom, na wɔbɛhini mo.
2
Mateo 7:8
Na obiara a ɔbisa no, ɔnya, na deɛ ɔhwehwɛ no, ɔhunu, na deɛ ɔbɔ mu no, wɔhini no.
3
Mateo 7:24
Enti obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔyɛ no, mede no bɛto ɔbadwemma a ɔtoo n’aban wɔ botan soɔ no ho.
4
Mateo 7:12
Enti adeɛ biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ mma wɔn saa ara; na yei ne mmara ne adiyifoɔ no.
5
Mateo 7:14
Na ɔpono teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne deɛ ɛkɔ nkwa mu, na wɔn a wɔhunu no sua.
6
Mateo 7:13
Monhyɛne ɔpono teateaa no mu; na ɔpono a ɛso ne ɔkwan a ɛtrɛ no ne deɛ ɛkɔ ɔsɛeɛ mu no, na wɔn a wɔhyɛne mu no dɔɔso.
7
Mateo 7:11
Na sɛ mo a moyɛ abɔnefoɔ nim sɛdeɛ momma mo mma nnepa a, mprɛ ahe na mo Agya a ɔwɔ soro no remfa nnepa mma wɔn a wɔbisa no?
8
Mateo 7:1-2
Mommmu atɛn, na wɔammu mo atɛn. Na atɛn ko a mobuo no, wɔde bɛbu mo; na ade korɔ a mode susuo no, wɔde bɛsusu ama mo.
9
Mateo 7:26
Na obiara a ɔte me nsɛm yi na ɔnyɛ no, wɔde no bɛto ɔba kwasea a ɔtoo n’aban anwea soɔ no ho.
10
Mateo 7:3-4
Na adɛn na wohwɛ duaa a ɛwɔ wo nua ani soɔ, na wo ara w’ani so mpuna deɛ, wonhunu? Anaasɛ ɛbɛyɛ dɛn na wobɛka akyerɛ wo nua sɛ: Ma menyi duaa no mfiri w’ani so, wɔ berɛ ko a mpuna wɔ w’ani soɔ?
11
Mateo 7:15-16
Monhwɛ mo ho yie adiyifoɔ atorofoɔ ho, na wɔnam nnwanten nwoma mu ba mo nkyɛn, na wɔn mu deɛ, wɔyɛ mpataku adufudepɛfoɔ. Wɔn aba na mode bɛhu wɔn. Wɔtete bobe wɔ nkasɛɛ so, anaasɛ wɔtete borɔdɔma wɔ hwerɛmo so?
12
Mateo 7:17
Saa ara na dua pa biara so aba pa, na dua bɔne so aba bɔne.
13
Mateo 7:18
Dua pa ntumi nso aba bɔne, na dua bɔne nso ntumi nso aba pa.
14
Mateo 7:19
Dua biara a ɛnso aba pa no, wɔtwa, na wɔde gu gya mu.