1
Mateo 27:46
Twerɛ Kronkron
ASWDC
Na ɛbɛyɛ sɛ nnɔnmmiɛnsa no, Yesu de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Eli, Eli, lama sabaktani? Ɛne sɛ: Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagya me?
Compare
Explore Mateo 27:46
2
Mateo 27:51-52
Na hwɛ, ntoma a ɛtwa asɔredan no mu tee mmienu firi soro de bɛsii fam, na asase wosoe, na abotan paepaeɛ. Na aboda buebuee, na nnipa kronkron a wɔawuwuo no amu bebree nyanenyanee
Explore Mateo 27:51-52
3
Mateo 27:50
Na Yesu de nne kɛseɛ teaa mu bio no, ɔgyae ne honhom mu.
Explore Mateo 27:50
4
Mateo 27:54
Na asraafoɔ ha so panin ne wɔn a wɔka ne ho rewɛn Yesu no hunuu asasewosoɔ ne nnoɔma a ɛsisiiɛ no, wɔsuroo pii, kaa sɛ: Ampa ara, Onyankopɔn ba nie!
Explore Mateo 27:54
5
Mateo 27:45
Na ɛfiri bɛyɛ awia dummienu berɛ no, esum duruu asase nyinaa so kɔsii awia nnɔnmmiɛnsa.
Explore Mateo 27:45
6
Mateo 27:22-23
Pilato see wɔn sɛ: Ɛnneɛ ɛdeɛn na menyɛ Yesu a wɔfrɛ no Kristo no? Wɔn nyinaa kaa sɛ: Ma wɔmmɔ no asɛnnua mu! Ɛnna ɔse: Adɛn, bɔne bɛn na wayɛ? Na wɔteateaa mu dendeenden sɛ: Ma wɔmmɔ no asɛnnua mu!
Explore Mateo 27:22-23