1
Mateo 24:12-13
Twerɛ Kronkron
ASWDC
Na ɛnam sɛ amumuyɛ bɛdɔɔso nti, wɔn mu dodoɔ no ara dɔ ano bɛdwo. Na deɛ ɔbɛgyina mu akɔduru awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no.
Compare
Explore Mateo 24:12-13
2
Mateo 24:14
Na wɔbɛka ahennie no ho asɛmpa yi wɔ wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanseɛ; ɛno ansa na awieeɛ no bɛba.
Explore Mateo 24:14
3
Mateo 24:6
Na mobɛte ɔko ne akosɛm. Monhwɛ na mo akoma antu, ɛfiri sɛ ɛtwa sɛ ɛba, nanso na awieeɛ no nnya nnuruiɛ.
Explore Mateo 24:6
4
Mateo 24:7-8
Na ɔman bɛsɔre ɔman so ne ahennie ahennie so; na ɛkɔm ne asasewosoɔ bɛba mmeammea. Na yeinom nyinaa ne awoko yea mfitiaseɛ.
Explore Mateo 24:7-8
5
Mateo 24:35
Ɔsoro ne asase bɛtwam akɔ, na me nsɛm deɛ, ɛrentwam da.
Explore Mateo 24:35
6
Mateo 24:5
Na nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ: Mene Kristo no; na wɔabɛdaadaa nnipa pii.
Explore Mateo 24:5
7
Mateo 24:9-11
Ɛnna wɔbɛyi mo ama ahohiahia, na wɔakum mo, na me din nti, aman nyinaa bɛtane mo. Na ɛno na ɛbɛto nnipa bebree suntidua; na wɔbɛyiyi wɔn ho ama, na wɔatentane wɔn ho. Na adiyifoɔ atorofoɔ bebree bɛsɔre, na wɔabɛdaadaa nnipa bebree.
Explore Mateo 24:9-11
8
Mateo 24:4
Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monhwɛ na obi annaadaa mo.
Explore Mateo 24:4
9
Mateo 24:44
Yei nti monsiesie mo ho nsie, ɛfiri sɛ dɔn a monnwene ho no mu na Onipa Ba no reba.
Explore Mateo 24:44
10
Mateo 24:42
Enti monwɛn, ɛfiri sɛ monnim da ko a mo wura bɛba.
Explore Mateo 24:42
11
Mateo 24:36
Na ɛda no ne dɔn ko no deɛ, obiara nnim, ɔsoro abɔfoɔ ne Ɔba no mpo nnim, gye Agya no nko ara.
Explore Mateo 24:36
12
Mateo 24:24
Na kristo atorofoɔ ne adiyifoɔ atorofoɔ bɛsɔre na wɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ ne anwanwadeɛ, a ɛbɛtumi aba sɛ, wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo.
Explore Mateo 24:24
13
Mateo 24:37-39
Na sɛdeɛ Noa nna no yɛeɛ no, saa ara nso na Onipa ba no ba bɛyɛ. Na sɛdeɛ nna a ɛdi nsuyire no mu wɔdidiiɛ na wɔnomeeɛ, wɔwareeɛ na wɔmaa awadeɛ de kɔsii da a Noa hyɛnee adaka no mu, na wɔanhunu de kɔsii sɛ nsuo bɛfaa wɔn nyinaa kɔeɛ no, saa ara nso na Onipa ba no ba bɛyɛ.
Explore Mateo 24:37-39