1
Yosua 23:14
Twerɛ Kronkron
ASWDC
Na hwɛ, me deɛ, ɛnnɛ merekɔ asase sofoɔ nyinaa kwan; na monhunu mo akoma nyinaa mu ne mo kra nyinaa mu sɛ asɛm baako pɛ ntɔɔ fam, nsɛmpa a AWURADE mo Nyankopɔn kaa no wɔ mo ho no nyinaa mu, ne nyinaa aba mu ama mo, emu asɛm baako mpo antɔ fam.
Compare
Explore Yosua 23:14
2
Yosua 23:11
Enti monhwɛ mo ho yie, na monnɔ AWURADE mo Nyankopɔn.
Explore Yosua 23:11
3
Yosua 23:10
Mo mu baako bɛpamo nnipa apem, na AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno na ɔko ma mo, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ mo no.
Explore Yosua 23:10
4
Yosua 23:8
na mmom AWURADE mo Nyankopɔn ho na momfam, sɛdeɛ moayɛ de abɛduru nnɛ yi.
Explore Yosua 23:8
5
Yosua 23:6
Enti monhyɛ mo ho den pa ara, na monhwɛ nyɛ deɛ wɔatwerɛ no Mose mmara nwoma mu no nyinaa, na moammane amfiri ho ankɔ nifa anaa benkum
Explore Yosua 23:6