na ɛyɛɛ me aniwu sɛ mɛbisa ɔhene hɔ dɔm ne apɔnkɔsotefoɔ sɛ wɔmmoa yɛn, yɛn atamfoɔ ho ɔkwan mu, ɛfiri sɛ yɛka kyerɛɛ ɔhene sɛ yɛn Nyankopɔn no nsa wɔ wɔn a wɔhwehwɛ no nyinaa so ma papa, na ne tumi ne n’abufuo wɔ wɔn a wɔgya no nyinaa so. Na yɛdii abuada hwehwɛɛ yei yɛn Nyankopɔn nsam, na ɔtiee yɛn.