1
Ester 6:1-2
Twerɛ Kronkron
ASWDC
Anadwo no ɔhene anna, na ɔkaa sɛ wɔmfa berɛsosɛm nkaeɛ nwoma no mmra. Na wɔbɛkenkann no ɔhene anim. Na wɔhunuu sɛ wɔatwerɛ sɛ Mordekai na ɔbɛkaa Bigtana ne Teres, ɔhene mpiafoɔ baanu a wɔhwɛ ɛpono ano a wɔpɛɛ sɛ wɔkum Ɔhene Akas-weros no ho asɛm no.
Compare
Explore Ester 6:1-2
2
Ester 6:6
Na Haman baa mu. Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na wɔnyɛ onipa a ɔhene pɛ no anidie no? Na Haman see no n’akoma mu sɛ: Hwan bio mpo na ɔwɔ ka me ho a ɔhene pɛ sɛ ɔdi no ni sene me ara?
Explore Ester 6:6
3
Ester 6:10
Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Haman sɛ: Ka wo ho kɔfa atadeɛ ne ɔpɔnkɔ no, sɛdeɛ woaka no, na yɛ saa ma Yudani Mordekai a ɔte ɔhene ponkɛseɛ mu no. Nnya deɛ woaka no nyinaa mu biara.
Explore Ester 6:10