1
Ɔsɛnkafoɔ 9:10
Twerɛ Kronkron
ASWDC
Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni Asamando a worekorɔ no.
Compare
Explore Ɔsɛnkafoɔ 9:10
2
Ɔsɛnkafoɔ 9:11
Mesane mehunuu owia ase sɛ ɛnyɛ ahoɔharefoɔ deɛ ne ammirikatuo, na ɛnyɛ nnɔmmarima deɛ ne ɔko, na ɛnyɛ anyansafoɔ deɛ ne aduane, na ɛnyɛ nhunumufoɔ deɛ ne ahonya, na ɛnyɛ animdefoɔ deɛ ne animuonyam, na ɛberɛ ne asiane to wɔn nyinaa.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 9:11
3
Ɔsɛnkafoɔ 9:9
Ɛne wo yere a wodɔ no ntena ase nni wo nkwa huhuo nna a ɔde ama wo owia aseɛ no nyinaa, w’ahuhudeɛ nna nyinaa, na ɛne wo kyɛfa nkwa yi mu ne wo brɛ a worebrɛ owia aseɛ no mu.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 9:9
4
Ɔsɛnkafoɔ 9:7
Kɔ na fa anigyeɛ kɔdi w’aduane, na fa akoma pa nom wo nsa, na Nyankopɔn ani asɔ wo nneyɛɛ dada.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 9:7
5
Ɔsɛnkafoɔ 9:18
Nyansa yɛ sene akodeɛ, na ɔdebɔneyɛni baako sɛe papa bebree.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 9:18
6
Ɔsɛnkafoɔ 9:17
Anyansafoɔ nsɛm a wɔte no komm yɛ sene nkwaseafoɔ mu tumfoɔ nteamu.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 9:17
7
Ɔsɛnkafoɔ 9:5
Na ateasefoɔ nim sɛ wɔbɛwuwu, na awufoɔ deɛ, wɔnnim biribiara, na wɔnni akatua biara bio, na werɛ afiri wɔn nkaeɛ.
Explore Ɔsɛnkafoɔ 9:5