Nnansia na yɛ adwuma, na yɛ w’adeɛ nyinaa; na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda ma AWURADE wo Nyankopɔn, nyɛ adwuma biara, wo ne wo babarima ne wo babaa, ne w’akoa ne w’afenaa, ne wo nantwie ne w’afunumu ne wo mmoa nyinaa, ne wo hɔhoɔ a ɔwɔ wo kuro apono mu, na w’akoa ne w’afenaa ahome sɛ wo.