1
Deuteronomium 28:1
Twerɛ Kronkron
ASWDC
Na sɛ wotie AWURADE wo Nyankopɔn nne sɛ wobɛhwɛ na woadi ne mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa so a, AWURADE wo Nyankopɔn bɛma wo so akɔ soro asi asase so amanaman nyinaa so
Compare
Explore Deuteronomium 28:1
2
Deuteronomium 28:2
na nhyira yi nyinaa bɛba wo so na abɛto wo, ɛfiri sɛ wotie AWURADE wo Nyankopɔn nne.
Explore Deuteronomium 28:2
3
Deuteronomium 28:13
Sɛ wotie AWURADE wo Nyankopɔn mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi sɛ wobɛhwɛ ayɛ a, ɛnneɛ AWURADE bɛma woakɔ kan na worenka akyire, na wobɛkɔ soro ara, na woremmrɛ ase da
Explore Deuteronomium 28:13
4
Deuteronomium 28:12
AWURADE bɛbue n’adepa korabea a ɛyɛ ɔsoro no ama wo, na atɔ w’asase so osuo ne berɛ mu, na wahyira wo nsa ano adwuma nyinaa; na wode bɛfɛm amanaman pii, na wo deɛ, woremfɛm obi hɔ biribi.
Explore Deuteronomium 28:12
5
Deuteronomium 28:7
AWURADE bɛma w’atamfo a wɔsɔre tia woɔ adi nkoguo w’anim; wɔnam ɔkwan koro so bɛfiri abɛhyia wo, na wɔnam akwan nson so adwane w’anim.
Explore Deuteronomium 28:7
6
Deuteronomium 28:8
AWURADE bɛhyɛ nhyira ama no aba wo so wɔ w’asan so ne adeɛ a wode wo nsa bɛka nyinaa mu, na ɔbɛhyira wo, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so.
Explore Deuteronomium 28:8
7
Deuteronomium 28:6
Nhyira bɛka wo wo fieba mu, na nhyira bɛka wo w’adifire mu.
Explore Deuteronomium 28:6
8
Deuteronomium 28:3
Nhyira bɛka wo wɔ kuro mu, na nhyira aka wo wɔ afuo mu.
Explore Deuteronomium 28:3
9
Deuteronomium 28:4
Nhyira bɛka wo yafunu mu aba ne w’asase so aba ne w’afieboa mma, w’anantwie mma ne wo nnwan mma.
Explore Deuteronomium 28:4
10
Deuteronomium 28:9
Sɛ wodi AWURADE wo Nyankopɔn mmara nsɛm so na wonante n’akwan so a, AWURADE de wo bɛgyina hɔ ayɛ ɔman kronkron afa, sɛdeɛ waka wo ntam no.
Explore Deuteronomium 28:9
11
Deuteronomium 28:5
Nhyira bɛka wo kɛntɛn ne wo mmɔre kodoɔ.
Explore Deuteronomium 28:5
12
Deuteronomium 28:11
Na AWURADE bɛma nnepa abu wo so wɔ wo yafunu mu aba mu ne w’afieboa aba mu ne w’asase so aba mu, asase a AWURADE kaa wo nananom ntam sɛ ɔde bɛma woɔ no so.
Explore Deuteronomium 28:11
13
Deuteronomium 28:10
Na asase so aman nyinaa bɛhunu sɛ wɔde AWURADE din na afrɛ woɔ, na wɔbɛsuro wo.
Explore Deuteronomium 28:10
14
Deuteronomium 28:14
Ne saa nti, mmane mfiri nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi mu biara ho nkɔ nifa anaa benkum nkɔdi anyame foforɔ akyi nkɔsom wɔn.
Explore Deuteronomium 28:14
15
Deuteronomium 28:15
Nanso ɛbɛba sɛ, sɛ woantie AWURADE wo Nyankopɔn nne sɛ wobɛhwɛ ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi ayɛ a, nnome yi nyinaa bɛba wo so abɛmene wo.
Explore Deuteronomium 28:15