1
Deuteronomium 18:10-11
Twerɛ Kronkron
ASWDC
Mma wɔnnhunu wo mu obi a ɔma ne babarima anaa ne babaa fa ogya mu, ɔkɔmfoɔ a ɔhyɛ abosonkɔm, ɔbayifoɔ, ɔdebisafoɔ, ntafowayifoɔ, nkaberɛkyerefoɔ, samanfrɛfoɔ, adutofoɔ ne deɛ ɔbisa afunu
Compare
Explore Deuteronomium 18:10-11
2
Deuteronomium 18:12
ɛfiri sɛ AWURADE akyiwadeɛ ne wɔn a wɔyɛ yeinom nyinaa, na akyiwadeɛ yi nti na ɔretu wɔn afiri w’anim yi.
Explore Deuteronomium 18:12
3
Deuteronomium 18:22
Sɛ odiyifoɔ bi kasa wɔ AWURADE din mu, na asɛm korɔ no amma mu anaa ɛnyɛ nokorɛ a, na asɛm no mfiri AWURADE; ahantan mu na odiyifoɔ no kasaeɛ, nsuro no.
Explore Deuteronomium 18:22
4
Deuteronomium 18:13
Wo ne AWURADE wo Nyankopɔn ntena no amudie mu.
Explore Deuteronomium 18:13