Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai ne ne nkoa sɛ: Hwɛ, me ba a ɔfiri me yam na ɔrehwehwɛ me aku me yi, na kampɛsɛ Benyaminni yi. Monnyaa no mma no nnome, ɛfiri sɛ AWURADE na wahyɛ no. Ebia AWURADE bɛhwɛ m’amanehunu, na AWURADE de papa ahyɛ me nnome a ɔredome me nnɛ yi ananmu.