Na da bi anwummerɛ a Dawid sɔre firii ne mpa soɔ na ɔnenam ɔhene dan atifi no, ɔfiri ɛdan no atifi hɔ hunuu ɔbaa bi sɛ ɔredwareɛ, na na ɔbaa no ho yɛ fɛ sɛ. Na Dawid soma maa wɔkɔbisaa ɔbaa no ho asɛm. Na wɔkaa sɛ: Ɛnyɛ Eliam ba Batseba, Hetini Uria yere no nie?