1
2 Ahemfo 2:9
Twerɛ Kronkron
ASWDC
Na ɛbaa sɛ wɔtwaeɛ no, Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ: Bisa deɛ menyɛ mma woɔ ansa na wɔafa me afiri wo nkyɛn akɔ. Na Elisa kaa sɛ: Ma wo honhom abupɛn mmienu mmra me so.
Compare
Explore 2 Ahemfo 2:9
2
2 Ahemfo 2:11
Na ɛbaa sɛ, wɔnam rekorɔ na wɔrekasa no, hwɛ, ogya teaseɛnam ne ogya apɔnkɔ ba bɛpaee wɔn baanu no ntam, na Elia faa ahum mu foro kɔɔ ɔsoro.
Explore 2 Ahemfo 2:11
3
2 Ahemfo 2:10
Na ɔkaa sɛ: Woabisa adeɛ a ɛyɛ den; sɛ wohu me sɛ wɔrefa me afiri wo nkyɛn a, ɛbɛyɛ saa ama wo; na sɛ anyɛ saa a, ɛrenyɛ.
Explore 2 Ahemfo 2:10
4
2 Ahemfo 2:14
Na ɔde Elia ngusoɔ a ɛfiri ne ho guiɛ no bɔɔ nsuo no mu kaa sɛ: Ɛhe na AWURADE, Elia Nyankopɔn no ara wɔ? Na ɔbɔɔ nsuo no mu, na ɛpae kɔɔ ha ne ha, na Elisa twae.
Explore 2 Ahemfo 2:14
5
2 Ahemfo 2:12
Na Elisa hwɛe na ɔteaa mu sɛ: M’agya, m’agya! Israel teaseɛnam ne n’apɔnkɔsotefoɔ na ɔrekorɔ no! Na wanhu no bio. Na ɔsɔɔ n’atadeɛ mu suanee mu mmienu.
Explore 2 Ahemfo 2:12
6
2 Ahemfo 2:8
Na Elia faa ne ngusoɔ bobɔ de bɔɔ nsuo no mu, na ɛpae kɔɔ ha ne ha, na wɔn baanu no nam asase pɛsɛɛ so twae.
Explore 2 Ahemfo 2:8
7
2 Ahemfo 2:1
Na ɛbaa sɛ, AWURADE rebɛfa Elia ahum mu akɔ ɔsoro no, na Elia ne Elisa firi Gilgal rekɔ.
Explore 2 Ahemfo 2:1