1
2 Berɛsosɛm 7:14
Twerɛ Kronkron
ASWDC
na sɛ me man a wɔabɔ me din wɔ wɔn soɔ no brɛ wɔn ho ase na wɔbɔ mpaeɛ, na wɔhwehwɛ m’anim, na wɔsane firi wɔn akwammɔne no so a, me nso mɛfiri ɔsoro matie, na mede wɔn bɔne akyɛ, na masa wɔn asase no yadeɛ.
Compare
Explore 2 Berɛsosɛm 7:14
2
2 Berɛsosɛm 7:15
Afei m’ani bɛbue na mayɛ aso mama ɛha yi mpaebɔ.
Explore 2 Berɛsosɛm 7:15
3
2 Berɛsosɛm 7:16
Na afei mafa efie yi ayɛ no kronkronbea, sɛ me din ntena hɔ nkɔsi daa, na m’ani ne m’akoma bɛtena hɔ nna nyinaa.
Explore 2 Berɛsosɛm 7:16
4
2 Berɛsosɛm 7:13
Hwɛ, sɛ meto ɔsoro mu na osuo ntɔ, na sɛ mehyɛ ntutummɛ sɛ wɔmmɛdi asase no, na sɛ mede ɔyaredɔm ba me man mu
Explore 2 Berɛsosɛm 7:13
5
2 Berɛsosɛm 7:12
Na AWURADE bɛyii ne ho kyerɛɛ Salomo anadwo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mate wo mpaebɔ, na mayi ha afa sɛ afɔrebɔ fie.
Explore 2 Berɛsosɛm 7:12