1
2 Berɛsosɛm 20:15
Twerɛ Kronkron
ASWDC
na ɔkaa sɛ: Yuda nyinaa ne Yerusalemfoɔ ne Ɔhene Yehosafat, montie! Sɛ AWURADE se mo nie: Mo deɛ, monnsuro na mo akoma nntu dɔm bebree yi anim, na ɛnyɛ mo na ɔsa yi wɔ mo, na ɛwɔ Onyankopɔn.
Compare
Explore 2 Berɛsosɛm 20:15
2
2 Berɛsosɛm 20:17
Ɛnyɛ mo deɛ sɛ mobɛko yei mu, gyina nko ara na monkɔgyina, na monhwɛ AWURADE a ɔka mo ho no nkwagyeɛ. Yuda ne Yerusalem, monnsuro na mo akoma nntu, ɔkyena momfiri adi nkɔhyia wɔn, na AWURADE bɛdi mo akyi.
Explore 2 Berɛsosɛm 20:17
3
2 Berɛsosɛm 20:12
Yɛn Nyankopɔn, woremmu wɔn atɛn? Na yɛnni tumi a yɛde regyina ɛdɔm bebree yi a wɔreba yɛn soɔ yi anim. Na yɛn deɛ, yɛnnim deɛ yɛnyɛ, na wo so na yɛn ani da.
Explore 2 Berɛsosɛm 20:12
4
2 Berɛsosɛm 20:21
Na ɔne ɔman no tuu agyina, na ɔyiyii nnwontofoɔ a wɔto AWURADE dwom yi no ayɛ, ahokeka kronkron mu; na wɔrefiri adie no, wɔdii wɔn a wɔamia no anim, na wɔkaa sɛ: Monna AWURADE ase, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.
Explore 2 Berɛsosɛm 20:21
5
2 Berɛsosɛm 20:22
Na ɛberɛ a wɔrefiri dwontoɔ ne ayeyie aseɛ no, AWURADE maa atɛfoɔ baa Amonfoɔ, Moab ne Seir bepɔ sofoɔ a wɔbaa Yuda soɔ no so, na wɔkaa wɔn gui.
Explore 2 Berɛsosɛm 20:22
6
2 Berɛsosɛm 20:3
Na Yehosafat suroe, na ɔyeree ne ho hwehwɛɛ AWURADE, na ɔpaee abuadadie Yuda nyinaa mu.
Explore 2 Berɛsosɛm 20:3
7
2 Berɛsosɛm 20:9
Sɛ bɔne bi, sɛ afena, atemmuo anaa ɔyaredɔm, sɛ ɛkɔm ba yɛn so a, yɛbɛba abɛgyina efie yi anim ne w’anim, ɛfiri sɛ wo din wɔ efie yi mu, na yɛafiri yɛn amanehunu mu asu afrɛ wo, na woatie yɛn agye yɛn.
Explore 2 Berɛsosɛm 20:9
8
2 Berɛsosɛm 20:16
Ɔkyena, monsiane nkɔ wɔn so, hwɛ, wɔreforo Sis aforoeɛ aba, na mobɛkɔ akɔto wɔn bonhwa no awieeɛ Yeruel serɛ anim.
Explore 2 Berɛsosɛm 20:16
9
2 Berɛsosɛm 20:4
Na Yudafoɔ boaboaa wɔn ano sɛ wɔrebɛhwehwɛ AWURADE hɔ mmoa. Yuda nkuro nyinaa mu na wɔfiri ba bɛhwehwɛɛ AWURADE.
Explore 2 Berɛsosɛm 20:4