1
1 Samuel 1:11
Twerɛ Kronkron
ASWDC
Na ɔhyɛɛ bɔ sɛ: Asafo AWURADE, sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu na wokae me, na wo werɛ amfiri w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabanin a, ɛnneɛ mede no bɛma AWURADE ne nkwa nna nyinaa, na oyiwan biara renka ne ti.
Compare
Explore 1 Samuel 1:11
2
1 Samuel 1:10
Na ne kra werɛ hoe, na ɔbɔɔ AWURADE mpaeɛ, na ɔde yea sui.
Explore 1 Samuel 1:10
3
1 Samuel 1:15
Na Hana buaa sɛ: Dabi, me wura, meyɛ ɔbaa werɛhoni; na bobesa ne nsa biara deɛ, mennom bi, na mahwie me kra magu AWURADE anim
Explore 1 Samuel 1:15
4
1 Samuel 1:27
Abɔfra yi ho mpaeɛ na mebɔeɛ, na AWURADE ama me adeɛ a mesrɛɛ no ne hɔ no.
Explore 1 Samuel 1:27
5
1 Samuel 1:17
Ɛnna Eli buaa sɛ: Fa asomdwoeɛ kɔ, na Israel Nyankopɔn mma wo adeɛ a wosrɛɛ no ne hɔ no.
Explore 1 Samuel 1:17