1
1 Ahemfo 3:9
Twerɛ Kronkron
ASWDC
Enti ma w’akoa nteaseɛ adwene na memfa memmu wo man atɛn, na menhunu papa ne bɔne mu, na hwan na ɔbɛtumi abu wo man kɛseɛ yi atɛn?
Compare
Explore 1 Ahemfo 3:9
2
1 Ahemfo 3:12
hwɛ, mayɛ sɛdeɛ w’asɛm no seɛ. Hwɛ, mama wo nyansa ne nhunumu adwene a obiara a ɔdii w’anim nte sɛ woɔ, na w’akyiri nso, obiara rensɔre a ɔsɛ woɔ.
Explore 1 Ahemfo 3:12
3
1 Ahemfo 3:11
Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛsiane sɛ wobisaa asɛm yi, na woammisa nna dodoɔ amfa, na woammisa ahonyadeɛ amfa, nso woammisa w’atamfo nkwa, na mmom wobisa nhunumu, a wode bɛtie atemmuo yi
Explore 1 Ahemfo 3:11
4
1 Ahemfo 3:13
Afei deɛ wommisaeɛ no mama wo, ahonya ne animuonyam a ahemfo mu biara rento woɔ wo nna nyinaa mu.
Explore 1 Ahemfo 3:13
5
1 Ahemfo 3:14
Na sɛ wonante m’akwan mu na wodi m’ahyɛdeɛ ne me mmara nsɛm so sɛdeɛ w’agya Dawid nanteeɛ a, mɛma wo nna aware.
Explore 1 Ahemfo 3:14
6
1 Ahemfo 3:5
Na AWURADE yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo anadwo daeɛ mu wɔ Gibeon, na Onyankopɔn kaa sɛ: Srɛ deɛ menyɛ mma woɔ.
Explore 1 Ahemfo 3:5
7
1 Ahemfo 3:7
Na afei, ao AWURADE me Nyankopɔn, wo na woasi w’akoa ɔhene asi m’agya Dawid ananmu, na me deɛ, meyɛ abɔfra ketewa, mennim adifire ne emuba.
Explore 1 Ahemfo 3:7
8
1 Ahemfo 3:10
Na ɛsɔɔ AWURADE ani, sɛ Salomo abisa asɛm yi.
Explore 1 Ahemfo 3:10
9
1 Ahemfo 3:6
Na Salomo se: Wo na woyɛɛ w’akoa m’agya Dawid adɔeɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ ɔnantee w’anim nokorɛ ne tenenee mu, ne wo ho akoma mu teeyɛ mu, na wode adɔeɛ kɛseɛ yi asie ama no, na woama no ɔba a ɔte n’adwa soɔ, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.
Explore 1 Ahemfo 3:6
10
1 Ahemfo 3:8
Na w’akoa wɔ wo man a woayi wɔn, ɔman kɛseɛ a wɔn dodoɔ nti wɔntumi nkan wɔn mmu wɔn ano no mu.
Explore 1 Ahemfo 3:8